Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 3 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim.

1Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!

2Bebree no ara ka fa me ho sɛ,“Onyankopɔn rennye no”.

3Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyiawohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.

4Meteam su frɛ Awurade,na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.

5Metɔ hɔ na meda a,menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.

6Merensuro atamfoɔ mpem mpem awɔatwa me ho ahyia no.

7Sɔre, Ao Awurade!Gye me, Ao me Onyankopɔn!Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;na tutu amumuyɛfoɔ se.

8Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba.Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]