Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 4 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so,Ao, me tenenee Onyankopɔn.Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu;hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.

2Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora?Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?

3Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho;Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.

4Mo bo fu a, monnyɛ bɔne;sɛ modeda mo mpa so a,monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.

5Mommɔ afɔdeɛ a ɛfatana momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6Nnipa bebree bisa sɛ:“Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?”Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma maasene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

8Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu,ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade,na woma metena asomdwoeɛ mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]