Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 5 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛmna dwene mʼapinisie ho.

2Tie me mmoa ho sufrɛ,me Ɔhene ne me Onyankopɔn,ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.

3Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanimna mede anidasoɔ twɛn.

4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.

5Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm;Awurade kyirimogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,mɛba wo fie;na anidie mu na mɛkotoakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8Ao Awurade kyerɛ me ɛkwanwɔ wo tenenee mumʼatamfoɔ enti,bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.

11Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

12Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]