Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 2 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne hona nnipa no bɔ pɔw hunu yi?

2Asase so ahemfo sɔre gyinana sodifo ka wɔn ho bɔ mutia Awurade ne Nea Wɔasra no no.

3Wɔka se,“Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔnna yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.”

4Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew;Awurade di wɔn ho fɛw.

5Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu,hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,

6“Masi me Henewɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.”

7Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde:Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba;nnɛ mayɛ wʼAgya.

8Bisa me,na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade,asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.

9Wode dade ahempema bedi wɔn so;na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”

10Enti mo ahemfo, munsua nyansa;monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.

11Momfa osuro nsom Awuradena monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.

12Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuwna mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu,efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim.Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]