Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 11 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

2Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama sosɛ wɔbɛtow wɔ sum mude awɔ koma mu ahotefo.

3Sɛ wɔresɛe fapem no a,dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”

4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;Awurade te ne soro ahengua so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,ne kra kyi wɔn.

6Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛwagu amumɔyɛfo so;na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7Awurade yɛ ɔtreneeni,na ɔpɛ atɛntrenee;wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]