Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 11 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

2Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma sosɛ wɔbɛto wɔ esum mude awɔ akoma mu ahotefoɔ.

3Sɛ wɔresɛe fapem no a,ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”

4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;Awurade te ne soro ahennwa so.Ɔhwɛ nnipa mma,nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,ne kra kyiri wɔn.

6Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛagu Amumuyɛfoɔ so;na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7Awurade yɛ ɔteneneeni,na ɔpɛ atɛntenenee;wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]