Side by side with the Father's Heart Bible™ Wɔde ma dwonkyerɛfo.
1Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?
2Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.
3Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.
4Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.
5Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.
6Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim;mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
7Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.
8Ɔtɛw bɛn nkuraa no;ofi ahintawee kum nea onnim hwee,ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.
9Ɔte sɛ gyata a wahintaw;ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.
10Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
11Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi;wayi nʼani afi so na onhu.”
12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.
13Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”
14Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.Mmɔborɔni de ne ho ma wo;wo na woyɛ ayisaa boafo.
15Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.
16Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;amanaman no bɛyera nʼasase so.
17Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,
18na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase murenhunahuna bio.