Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 12 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;nokwafo ayera wɔ nnipa mu.

2Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

3Ma Awurade ntwa nnaadaa anone tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

4nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”

5“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔnine ohiani apinisi no nti,mɛsɔre afei,” Awurade na ose.“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”

6Awurade asɛm yɛ nokwarete sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,na wɔahoa ho mpɛn ason.

7Awurade, wobɛkora mmɔborɔnina woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

8Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,bere a adesamma de nidi ma afide.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]