Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 13 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

2Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi apereperena awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

3Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

4Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

5Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.

6Mɛto dwom ama Awurade,efisɛ ɔne me adi no yiye.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]