Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 14 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fina wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2Awurade fi ɔsoro hwɛadesamma wɔ famsɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.

4Enti abɔnefo rensua nyansa ana?Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.Wonnsu mfrɛ Awurade?

5Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.

6Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.

7Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]