Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 15 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

1Adehunu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ!Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ!

2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛwɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wɔsu.

4Hesbon ne Eleale teaam su,wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,na wɔabotoboto.

5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim ɛkwan so nsowɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.

6Nimrim nsuwansuwa awewena ɛserɛ no ahyeafifideɛ nyinaa ayerana ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

7Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ nowɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.

8Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaimna wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

9Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaananso mɛkɔ so ne no adi.Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no sone wɔn a wɔbɛka asase no so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]