Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 15 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

1Adehu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ MoabDa koro anadwo bi,wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabda koro anadwo bi!

2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaewɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wosu.

4Hesbon ne Eleale teɛ mu su,wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,na wɔbotobotow.

5Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;nʼaguanfo guan kodu Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim kwan so nsowodi wɔn sɛe ho awerɛhow.

6Nimrim nsuwansuwa ayoyowna sare no ahyewafifide nyinaa ayerana ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.

7Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ nowɔsoa de kotwa mpampuro bon.

8Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;wɔn agyaadwotwa kodu Eglaimna wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.

9Dimon nsu ayɛ mogya nko arananso mɛkɔ so ne no adigyata bɛba Moab aguanfo sone wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]