Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 20 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.

2Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo,na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.

3Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa,na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.

4Ɔmma wo nea wo koma pɛ,na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.

5Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim,na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu.Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.

6Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi,ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so,ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.

7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam sona afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so,nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.

8Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.

9Awurade, ma ɔhene nkonimdi!Yɛfrɛ a, gye yɛn so!

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]