Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Psalms 19 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Dawid dwom.

1Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam!Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,

2Da biara, wɔkasa;anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.

3Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm;wɔnnte wɔn nne.

4Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.

5Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.

6Epue wɔ ɔsoro fa baabina atwa ne ho akosi ano;biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

7Awurade mmara yɛ pɛ,ɛkanyan ɔkra no.Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

8Awurade ahyɛde teɛ;ɛma koma mu anigye.Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;na ebue ani.

9Awurade suro yɛ kronkron,ɛte hɔ daa.Awurade mmara nsɛm yɛ nokwarena ne nyinaa teɛ.

10Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔɛsen sikakɔkɔɔ kann;ɛyɛ dɛ sen ɛwo,ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.

11Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se,sodi so akatua yɛ bebree.

12Hena na ohu nʼankasa mfomso?Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

13Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho,na anhyɛ me so.Ɛno na ɛbɛma madi bem,a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.

14Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwenenyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurademe Botan ne me Gyefo.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]