Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Jeremiah 47 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho

1Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:

2Sei na Awurade seɛ:“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteateam;wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo

3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4Na ɛda no abasɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaana wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.

5Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔre mum.Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,mobɛsu akɔsi da bɛn?

6“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,da bɛn na wobɛhome?Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;gyae na da dinn.’

7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinnɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]