Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Jeremiah 47 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho

1Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:

2Sɛɛ na Awurade se:“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteɛteɛ mu;wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo

3bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyigyei no.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4Na da no abasɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaana wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no.Awurade rebɛsɛe Filistifo no,nkae a wofi Kreta mpoano no.

5Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔ mum.Mo nkae a mowɔ tataw so,mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?

6“ ‘Aa, Awurade afoa,’‘da bɛn na wobɛhome?San kɔhyɛ wo boha mu;gyae na da komm.’

7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada kommbere a Awurade ahyɛ nobere a wahyɛ no seɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]