Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Come, let us return to our Father, for he has torn us so he can heal us; he has struck us down, and he will bandage our wounds. “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.
2 After two days he will revive us; on the third day he will raise us up so we can live before him. Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
3 Let us know, let us press on to know our Father. He goes forth as surely as the dawn; he will come to us like the rain, like the spring showers that water the earth. Momma yennye Awurade nto mu; momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. Sɛnea owia pue da biara no, obepue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”
4 "What should I do with you, Ephraim? What should I do with you, Judah? Your love is like a morning cloud, like the dew that disappears early. “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim? Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.
5 Therefore I have cut them down by the prophets; I have slain them by the words of my mouth, and my judgment goes forth like the light. Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, mede mʼanom nsɛm kunkum mo; mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.
6 For I desire covenant love and not sacrifice, the knowledge of our Father rather than burnt offerings. Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
7 But like Adam they broke the covenant; there they dealt faithlessly with me. Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. Wɔanni me nokware wɔ hɔ.
8 Gilead is a city of evildoers, marked with bloody footprints. Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ.
9 As robbers lie in wait for a victim, so the company of priests murders on the road to Shechem; yes, they commit shameful crimes. Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no saa ara na asɔfokuw no nso yɛ; wodi awu wɔ Sekem tempɔn so, yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.
10 In the house of Israel I have seen a horrible thing: Ephraim's prostitution is there; Israel is defiled. Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi. Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu Israel gu ne ho fi.
11 "For you also, Judah, a harvest is appointed, when I restore the fortunes of my children." “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa bere ama wo. “Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]