Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Whenever I try to heal Israel, the sin of Ephraim is uncovered, and the evils of Samaria; for they practice falsehood—the thief breaks in, the raiders plunder outside. bere biara a mɛsa Israel yare no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso da adi. Wɔyɛ nnaadaafo akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu, ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
2 But they do not say in their hearts that I remember all their evil. Now their deeds surround them; they are before my face. Na wonhu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam wɔn so; egu mʼanim bere biara.
3 By their evil they make the king glad, and the princes by their lies. “Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani, na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.
4 They are all adulterers, like an oven heated by the baker, who stops stirring the fire from the kneading of the dough until it is leavened. Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
5 On the day of our king the princes made themselves sick with the heat of wine; he joined hands with mockers. Da a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma bow nsa, na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.
6 For they draw near with hearts burning like an oven as they lie in wait; all night their anger smolders, and in the morning it blazes like a flaming fire. Wɔn koma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
7 They are all hot as an oven, and they devour their rulers. All their kings have fallen; none of them calls upon me. Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. Wokunkum wɔn sodifo. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
8 Ephraim mixes himself among the peoples; Ephraim is a flat cake not turned over. “Efraim ne aman no adi afra; Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.
9 Strangers devour his strength, and he does not know it; gray hairs are sprinkled upon him, and he does not know it. Ananafo twe nʼahoɔden, nanso onhu. Dwen aba ne ti so, nanso nʼani mmaa so ɛ.
10 The pride of Israel testifies to his face, yet they do not return to their Father, nor seek him, in all of this. Israel ahantan di adanse tia no, nanso eyi nyinaa akyi no ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso.
11 Ephraim has become like a dove, silly and without sense, calling to Egypt, going to Assyria. “Efraim te sɛ aborɔnoma, wotumi daadaa no na onni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadan akɔ Asiria.
12 As they go, I will spread my net over them; I will bring them down like the birds of the sky. I will discipline them as their assembly was warned. Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a, mɛkyere wɔn.
13 Woe to them, for they have strayed from me! Destruction to them, for they have rebelled against me! I would redeem them, but they speak lies against me. Nnome nka wɔn, efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho! Ɔsɛe mmra wɔn so efisɛ wɔatew me so atua! anka mepɛ sɛ migye wɔn nanso wutwa atoro fa me ho.
14 They do not cry to me from their heart, but they wail upon their beds; for grain and new wine they gash themselves; they turn away from me. Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me, mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo, nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
15 Although I trained and strengthened their arms, yet they devise evil against me. Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.
16 They turn, but not upward; they have become like a slack bow. Their princes will fall by the sword for the insolence of their tongue; this will make them a laughingstock in the land of Egypt. Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛe, wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano efisɛ, wɔnkasa obu so. Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw wɔ Misraim asase so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]