Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 8 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Put the trumpet to your lips! An eagle swoops over my house, because they have broken my covenant and rebelled against my law. “Monhyɛn torobɛnto! Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so efisɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.
2 To me they cry, "My Father! We know you—we, Israel!" Afei Israel su frɛ me se, ‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’
3 Israel has rejected what is good; an enemy will pursue him. Nanso Israel apo nea eye; ɔtamfo bɛtaa no.
4 They set up kings, but not from me; they appointed princes, and I knew nothing of it. With their silver and gold they made themselves idols, only to be cut off. Wosisi ahemfo a minnim ho hwee, wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛe wɔn ankasa ho.
5 I have rejected your calf, Samaria; my anger burns against them. How long will they be incapable of innocence? Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria! Mʼabufuwhyew reba wɔn so. Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?
6 For this calf is from Israel; a craftsman made it—it is not God. The calf of Samaria will be broken to pieces. Wofi Israel! Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wobebubu mu asinasin, saa Samaria nantwi ba no.
7 They sow the wind, and they will reap the whirlwind. The standing grain has no heads; it yields no flour. And if it were to yield, foreigners would swallow it down. “Wodua mframa na wotwa mfɛtɛ. Awi a egyina hɔ no nni ti; nti wɔrennya siam mfi mu. Sɛ ɛsow aduan mpo a, ahɔho na wobedi.
8 Israel is swallowed up; now they are among the nations like a pot no one wants. Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ ade a so nni mfaso biara.
9 For they have gone up to Assyria—a wild donkey wandering off alone. Ephraim has hired itself out to lovers. Na wɔakɔ Asiria te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.
10 Even though they hire allies among the nations, now I will gather them up. And they will soon writhe under the burden of the king of princes. Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so befi ase atew wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.
11 Because Ephraim multiplied altars for sinning, they have become altars for sinning to him. “Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de, ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 Though I wrote out for him the countless things of my law, they were treated as something strange. Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.
13 As for the sacrifices they offer me, they sacrifice meat and eat it, but I take no delight in them. Now I will remember their guilt and punish their sins; they will return to Egypt. Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre na wɔwe nam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsan akɔ Misraim.
14 Israel has forgotten his Maker and built palaces; and Judah has multiplied fortified cities. But I will send fire on his cities, and it will devour Judah's strongholds. Israel werɛ afi ne yɛfo na wasisi ahemfi akɛseakɛse; Yuda abɔ nkurow bebree ho ban. Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya a ɛbɛhyew wɔn aban.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]