Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Hear this, priests! Pay attention, house of Israel! Listen, house of the king! For the judgment is meant for you, because you have been a snare at Mizpah and a net spread out on Tabor. “Muntie, mo asɔfo! Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo! Monyɛ asow, adehyefi! Saa atemmu yi tia mo: Moayɛ afiri wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so.
2 "The rebels have gone deep into slaughter, but I will discipline all of them. Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
3 I know Ephraim, and Israel is not hidden from me; for now, Ephraim, you have prostituted yourself, and Israel is defiled. Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; na Israel aporɔw.
4 "Their deeds will not let them return to their Father, for a spirit of prostitution is within them, and they do not know our Father. “Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu; wonnye Awurade nto mu.
5 The pride of Israel testifies against him; Israel and Ephraim stumble in their sin; Judah also stumbles with them. Israel ahantan di tia no. Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.
6 With their flocks and their herds they will go to seek our Father, but they will not find him; he has withdrawn from them. Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhu no, efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.
7 They have dealt faithlessly with our Father, for they have borne illegitimate children. Now the new moon will devour them along with their fields. Wɔanni Awurade nokware. Wɔwowoo aguaman mma. Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a, ɔbɛsɛe wɔn nsase.
8 "Blow the horn in Gibeah, the trumpet in Ramah. Sound the battle cry at Beth-aven; look behind you, Benjamin! “Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn mmɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen; Benyamin, monsɔre nni anim.
9 Ephraim will become a desolation in the day of punishment; among the tribes of Israel I make known what is sure. Efraim bɛda mpan wɔ akontaabu da. Israel mmusuakuw no mu no mepae mu ka nea ɛwɔ mu.
10 The princes of Judah have become like those who move a boundary stone; on them I will pour out my wrath like water. Yuda sodifo no te sɛ wɔn a woyiyi ahye so abo. Mehwie mʼabufuw agu wɔn so te sɛ nsuyiri.
11 Ephraim is oppressed, crushed in judgment, because he was intent on pursuing worthless idols. Wɔhyɛ Efraim so, wotiatia ne so wɔ atemmu mu, wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.
12 So I am like a moth to Ephraim, and like dry rot to the house of Judah. Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
13 "Ephraim saw his own sickness, Judah saw his open sore; so Ephraim ran to Assyria, appealing to its great king. But that king can't cure you, or heal your festering wound. “Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda nso huu nʼakuru no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yare, na akuru no nso anwuwu.
14 For I will be like a lion to Ephraim, and like a young lion to the house of Judah. I myself will tear and go away; I will carry off, and no one will rescue. Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda. Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
15 I will go back again to my place, until they acknowledge their guilt and seek my face; in their distress they will earnestly seek me." Afei mɛsan akɔ me nkyi kosi sɛ wobenya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan; wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]