Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 18 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Whoever isolates himself pursues his own desire; he lashes out against all sound wisdom. Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya; na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.
2 A fool takes no pleasure in understanding, but only in airing his own opinions. Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.
3 When wickedness comes, contempt comes too, and with dishonor comes reproach. Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so, na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.
4 The words of a person's mouth are deep waters; the fountain of wisdom is a flowing stream. Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ, na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.
5 It is not good to show partiality to the wicked, denying justice to the righteous. Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.
6 A fool's lips bring strife, and his mouth invites a beating. Ɔkwasea ano de akasakasa ba na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.
7 A fool's mouth is his ruin, and his lips are a snare to his soul. Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.
8 The words of a gossip are like choice morsels; they go down into the inmost being. Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
9 Whoever is slack in his work is brother to one who destroys. Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.
10 The name of our Father is a strong tower; the righteous runs into it and is safe. Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.
11 A rich man's wealth is his fortified city; in his imagination it is like a high wall. Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.
12 Before destruction the human heart is proud, but humility comes before honor. Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
13 If one answers before he listens, it is his foolishness and his shame. Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no, ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.
14 A person's spirit can sustain him through sickness, but a crushed spirit—who can bear it? Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?
15 The discerning heart acquires knowledge, and the ear of the wise seeks it out. Nhunumu akoma nya nimdeɛ; na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.
16 A person's gift opens the way for him and brings him before important people. Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma na ɛde no ba atitire anim.
17 The first to state his case seems right, until another comes and examines him. Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.
18 Casting the lot settles disputes and separates strong opponents. Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so, na ɛpata atamfoɔ.
19 An offended brother is harder to win than a fortified city, and disputes are like the bars of a fortress. Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.
20 From the fruit of a person's mouth his stomach is satisfied; with the yield of his lips he is filled. Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.
21 Death and life are in the power of the tongue, and those who love it will eat its fruit. Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.
22 He who finds a wife finds what is good and receives favor from our Father. Deɛ wanya yere no anya adepa na ɔnya adom firi Awurade hɔ.
23 The poor person pleads for mercy, but the rich answers harshly. Ohiani srɛ ahummɔborɔ, nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.
24 A man of many companions may come to ruin, but there is a friend who sticks closer than a brother. Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]