Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 17 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Better a dry crust eaten in peace than a house full of feasting with strife. Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.
2 A prudent servant will rule over a disgraceful son and will share the inheritance among the brothers. Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so, na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.
3 The crucible is for silver and the furnace for gold, but our Father tests hearts. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.
4 An evildoer listens to wicked lips; a liar listens to a destructive tongue. Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne; ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.
5 Whoever mocks the poor insults his Maker; whoever gloats over disaster will not go unpunished. Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa; na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.
6 Grandchildren are the crown of the aged, and the glory of children is their parents. Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam, na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.
7 Fine speech is not fitting for a fool—still less are lying lips for a noble. Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea, saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.
8 A bribe seems like a magic charm to the one who gives it; wherever he turns, he thinks he will succeed. Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma; ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.
9 Whoever covers an offense seeks love, but whoever keeps bringing it up separates close friends. Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan, na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.
10 A rebuke goes deeper into a person of understanding than one hundred blows into a fool. Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.
11 A rebellious man seeks only evil, and a cruel messenger will be sent against him. Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.
12 Better to meet a bear robbed of her cubs than a fool in his foolishness. Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma sene ɔkwasea a ɔregyimie.
13 If anyone returns evil for good, evil will never leave his house. Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fie da.
14 Starting a quarrel is like breaching a dam, so drop the dispute before it bursts out. Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka; enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.
15 Whoever justifies the wicked and whoever condemns the righteous—both alike are detestable to our Father. Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no, Awurade kyiri ne mmienu.
16 Why should a fool have money in hand to buy wisdom, when he has no heart to learn? Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.
17 A friend loves at all times, and a brother is born for a time of trouble. Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu, wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.
18 One who lacks sense shakes hands on a pledge and puts up security for his neighbor. Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu nam so de si awowa ma ne yɔnko.
19 Whoever loves wrongdoing loves strife; whoever builds his gate high invites destruction. Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne; deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
20 A crooked heart finds no good, and a twisted tongue falls into trouble. Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ; deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.
21 Whoever fathers a fool brings grief on himself; the father of a godless fool has no joy. Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ; ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.
22 A joyful heart is good medicine, but a crushed spirit dries up the bones. Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ, nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.
23 A wicked man takes a bribe in secret to pervert the ways of justice. Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase de kyea atɛntenenee.
24 A discerning person keeps wisdom in view, but the eyes of a fool wander to the ends of the earth. Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so, na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.
25 A foolish son is a grief to his father and bitterness to the mother who bore him. Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ, na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.
26 To punish the righteous is not good, nor to flog the noble for their integrity. Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso, anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.
27 Whoever holds back his words has knowledge, and one with a calm spirit is a person of understanding. Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.
28 Even a fool who keeps silent is thought wise; when he closes his lips, he seems discerning. Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ, na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]