Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 16 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The plans of the heart belong to man, but the answer of the tongue comes from our Father. Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea, na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.
2 All a man's ways are pure in his own eyes, but our Father weighs the motives. Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.
3 Commit your works to our Father, and your plans will be established. Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam, na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.
4 Our Father has made everything for its purpose, even the wicked for the day of trouble. Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ, mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.
5 Everyone proud of heart is detestable to our Father; be assured, he will not go unpunished. Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa. Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.
6 Loving devotion and faithfulness atone for sin, and the fear of our Father turns a person away from evil. Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne; onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.
7 When a man's ways please our Father, our Father makes even the man's enemies live at peace with him. Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.
8 Better a little with righteousness than great income with injustice. Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.
9 The heart of man plans his way, but our Father establishes his steps. Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.
10 A divine verdict is on the lips of a king; his mouth does not betray justice. Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ, enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.
11 Honest scales and balances belong to our Father; every weight and measure is his work. Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade; nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.
12 It is detestable for kings to do wickedness, for a throne is established through righteousness. Ahemfo kyiri bɔneyɛ, ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.
13 Righteous lips are the delight of kings, and they love the one who speaks what is right. Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ; na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.
14 A king's wrath is a messenger of death, but a wise man will appease it. Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ, nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.
15 In the light of a king's face is life, and his favor is like a cloud bringing the spring rain. Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa, nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.
16 How much better to get wisdom than gold! Getting understanding is worth more than silver. Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ, sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!
17 The highway of the upright turns away from evil; whoever guards his way protects his life. Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne; deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.
18 Pride goes before destruction, and a haughty spirit before a fall. Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.
19 Better to be lowly in spirit among the poor than to share the plunder with the proud. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.
20 Whoever heeds the word will find good, and blessed is the one who trusts in our Father. Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ; nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.
21 The wise of heart is called discerning, and pleasant speech increases persuasiveness. Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
22 Understanding is a fountain of life to the one who has it, but fools are corrected by their own foolishness. Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.
23 The heart of the wise makes his speech wise and adds persuasiveness to his lips. Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
24 Pleasant words are a honeycomb, sweet to the soul and healing to the bones. Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.
25 There is a way that seems right to a man, but its end is the way of death. Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.
26 A worker's appetite works for him; his hunger drives him on. Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den; ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.
27 A worthless man digs up evil, and on his lips is a scorching fire. Ohuhuni bɔ pɔ bɔne, ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.
28 A perverse man spreads strife, and a gossip separates close friends. Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba, na osekuni tete nnamfonom ntam.
29 A violent man entices his neighbor and leads him down a harmful path. Basabasayɛni daadaa ne yɔnko na ɔde no fa ɛkwammɔne so.
30 Whoever winks his eyes plots perversity; whoever purses his lips is bent on evil. Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho; na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.
31 Gray hair is a crown of glory; it is gained in the way of righteousness. Ɛdwono yɛ animuonyam abotire; tenenee mu asetena na ɛde ba.
32 Better a patient person than a mighty one, and one who rules his spirit than one who takes a city. Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ, na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.
33 The lot is cast into the lap, but its every decision is from our Father. Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ, nanso ne gyinasie biara firi Awurade.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]