Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 15 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 A gentle answer turns away wrath, but a harsh word stirs up anger. Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.
2 The tongue of the wise commends knowledge, but the mouths of fools pour out foolishness. Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
3 The eyes of our Father are in every place, keeping watch on the evil and the good. Awurade ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
4 A gentle tongue is a tree of life, but a corrupt tongue crushes the spirit. Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.
5 A fool despises his father's instruction, but whoever heeds correction is prudent. Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.
6 In the house of the righteous there is much treasure, but the income of the wicked brings trouble. Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie, nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
7 The lips of the wise spread knowledge, but not so the hearts of fools. Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu; nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.
8 The sacrifice of the wicked is detestable to our Father, but the prayer of the upright is his delight. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ, nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.
9 The way of the wicked is detestable to our Father, but he loves the one who pursues righteousness. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.
10 There is severe discipline for the one who leaves the path, and whoever hates correction will die. Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so, deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.
11 The grave and Destruction lie open before our Father; how much more the hearts of all people! Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim, na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.
12 A scoffer does not love to be corrected; he will not go to the wise. Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ; ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.
13 A glad heart makes a cheerful face, but a sorrowful heart crushes the spirit. Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.
14 A discerning heart seeks knowledge, but the mouths of fools feed on foolishness. Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
15 All the days of the afflicted are hard, but a cheerful heart has a continual feast. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.
16 Better a little with the fear of our Father than great treasure and trouble with it. Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.
17 Better a meal of vegetables where there is love than a fattened ox with hatred. Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.
18 A hot-tempered man stirs up strife, but one who is slow to anger calms a quarrel. Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
19 The way of the lazy is like a hedge of thorns, but the path of the upright is a level highway. Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi, nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.
20 A wise son makes a glad father, but a foolish man despises his mother. Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
21 Foolishness is joy to one who lacks sense, but a person of understanding walks a straight path. Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye, nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.
22 Plans fail without counsel, but with many advisers they succeed. Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe, nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.
23 A person finds joy in giving an apt reply, and how good is a word at the right time! Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.
24 The path of life leads upward for the prudent, turning him away from the grave below. Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.
25 Our Father tears down the house of the proud, but he protects the widow's boundary. Awurade sɛe ɔhantanni fie na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 The thoughts of the wicked are detestable to our Father, but gracious words are pure. Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.
27 Whoever is greedy for unjust gain brings trouble on his own household, but the one who hates bribes will live. Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
28 The heart of the righteous weighs how to answer, but the mouth of the wicked pours out evil. Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.
29 Our Father is far from the wicked, but he hears the prayer of the righteous. Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.
30 The light of the eyes brings joy to the heart, and good news refreshes the bones. Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
31 The ear that listens to life-giving correction will dwell among the wise. Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.
32 Whoever ignores instruction despises himself, but whoever listens to correction gains understanding. Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.
33 The fear of our Father is the instruction of wisdom, and humility comes before honor. Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]