Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 14 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The wisest of women builds her house, but foolishness tears hers down with her own hands. Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.
2 Whoever walks in uprightness fears our Father, but one whose ways are crooked despises him. Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade, na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
3 A fool's mouth is a rod for his own pride, but the lips of the wise protect them. Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.
4 Where there are no oxen, the manger stays clean, but an abundant harvest comes through the strength of an ox. Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan, na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.
5 A faithful witness does not lie, but a false witness breathes out lies. Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.
6 The scoffer seeks wisdom and finds none, but knowledge comes easily to the discerning. Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya, nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.
7 Stay away from a fool, for you will find no knowledge on his lips. Twe wo ho firi ɔkwasea ho, ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.
8 The wisdom of the prudent is to discern their way, but the foolishness of fools is deceit. Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
9 Fools mock the guilt offering, but among the upright there is favor. Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ, na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.
10 The heart knows its own bitterness, and no stranger shares in its joy. Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu, na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.
11 The house of the wicked will be destroyed, but the tent of the upright will flourish. Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie, nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.
12 There is a way that seems right to a person, but its end is the way of death. Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.
13 Even in laughter the heart may ache, and the end of joy may be grief. Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea, na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.
14 The backslider in heart will be filled with the fruit of his ways, and a good person with the fruit of his. Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.
15 The simple believe anything, but the prudent give thought to their steps. Atetekwaa gye biribiara di, nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.
16 The wise fear and turn away from evil, but a fool is reckless and overconfident. Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
17 A quick-tempered person acts foolishly, and one who plots evil schemes is hated. Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ, na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.
18 The simple inherit foolishness, but the prudent are crowned with knowledge. Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie, na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
19 The evil bow down before the good, and the wicked at the gates of the righteous. Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim, na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
20 The poor are shunned even by their neighbors, but the rich have many friends. Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.
21 Whoever despises his neighbor sins, but blessed is the one who is kind to the poor. Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.
22 Do not those who plot evil go astray? But covenant love and faithfulness belong to those who plan good. Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.
23 In all hard work there is profit, but mere talk leads only to poverty. Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba, na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.
24 The crown of the wise is their wealth, but the foolishness of fools yields only foolishness. Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire, na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.
25 A truthful witness saves lives, but one who breathes out lies is treacherous. Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.
26 In the fear of our Father is strong confidence, and his children will have a refuge. Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den, na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
27 The fear of our Father is a fountain of life, turning a person away from the snares of death. Awurade suro yɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
28 A large population is a king's glory, but without people a prince is ruined. Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam, nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
29 Whoever is slow to anger has great understanding, but a hot temper exalts foolishness. Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
30 A tranquil heart gives life to the body, but envy rots the bones. Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa, na anibereɛ ma nnompe porɔ.
31 Whoever oppresses the poor reproaches our Father, their Maker, but whoever is kind to the needy honors him. Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa, nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
32 The wicked are brought down by their own evil, but the righteous find refuge even in death. Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase, nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.
33 Wisdom rests in the heart of the discerning, but even among fools it makes itself known. Nyansa te nteaseɛ akoma mu, na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.
34 Righteousness exalts a nation, but sin is a disgrace to any people. Tenenee pagya ɔman na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.
35 A king's favor rests on a wise servant, but his wrath falls on one who acts shamefully. Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani, na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]