Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 13 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 A wise son heeds his father's instruction, but a scoffer does not listen to rebuke. Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛdifoɔ ntie animka.
2 From the fruit of his mouth a person enjoys good things, but the appetite of the treacherous is for violence. Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ, na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.
3 Whoever guards his mouth protects his life, but one who opens his lips wide comes to ruin. Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.
4 The lazy person craves and gets nothing, but the appetite of the diligent is richly satisfied. Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.
5 The righteous hates falsehood, but the wicked brings shame and disgrace. Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ, nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.
6 Righteousness guards the one whose way is blameless, but wickedness overthrows the sinner. Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.
7 One person pretends to be rich, yet has nothing; another pretends to be poor, yet has great wealth. Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.
8 A person's wealth may ransom his life, but the poor hears no threat. Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
9 The light of the righteous shines joyfully, but the lamp of the wicked will be snuffed out. Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara, nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.
10 Arrogance breeds nothing but strife, but wisdom is with those who seek advice. Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.
11 Wealth gained by fraud dwindles away, but whoever gathers little by little makes it grow. Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so, na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
12 Hope deferred makes the heart sick, but desire fulfilled is a tree of life. Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ, nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.
13 Whoever despises the word brings ruin on himself, but the one who reveres the commandment will be rewarded. Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.
14 The teaching of the wise is a fountain of life, turning a person away from the snares of death. Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
15 Good sense wins favor, but the way of the treacherous is their undoing. Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.
16 Every prudent person acts with knowledge, but a fool flaunts his foolishness. Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
17 A wicked messenger falls into trouble, but a faithful envoy brings healing. Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu, nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.
18 Poverty and shame come to whoever ignores discipline, but the one who heeds correction is honored. Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.
19 A desire fulfilled is sweet to the soul, but turning away from evil is detestable to fools. Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.
20 Whoever walks with the wise grows wise, but the companion of fools suffers harm. Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
21 Disaster pursues sinners, but good rewards the righteous. Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi, na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.
22 A good person leaves an inheritance to his grandchildren, but the sinner's wealth is stored up for the righteous. Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.
23 The unplowed field of the poor could yield abundant food, but it is swept away for lack of justice. Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii, nanso ntɛnkyea pra kɔ.
24 Whoever withholds the rod hates his son, but the one who loves him is diligent to discipline him. Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.
25 The righteous eats to his heart's content, but the belly of the wicked goes hungry. Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]