Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 12 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Whoever loves discipline loves knowledge, but whoever hates correction is senseless. Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ, na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.
2 A good man obtains favor from our Father, but he condemns the man who schemes evil. Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu onifirani fɔ.
3 No one is established by wickedness, but the root of the righteous will never be moved. Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.
4 A wife of noble character is her husband's crown, but one who brings shame is like decay in his bones. Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.
5 The plans of the righteous are just, but the advice of the wicked is deceitful. Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ, na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.
6 The words of the wicked lie in wait for blood, but the speech of the upright rescues the innocent. Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.
7 The wicked are overthrown and are no more, but the house of the righteous will stand. Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera, nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.
8 A person is praised according to their good sense, but one with a warped mind is despised. Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.
9 Better to be lowly and have a servant than to pretend to greatness and go hungry. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ, sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.
10 The righteous care for the needs of their animals, but even the mercy of the wicked is cruel. Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ, na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.
11 Whoever works their land will have plenty of food, but whoever chases worthless pursuits lacks sense. Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree, na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.
12 The wicked crave the plunder of evil men, but the root of the righteous yields fruit. Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ, nanso ɔteneneeni ase dɔre.
13 An evil man is trapped by his sinful talk, but the righteous escapes from trouble. Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie, nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.
14 From the fruit of their words a person is filled with good things, and the work of their hands comes back to reward them. Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
15 The way of a fool seems right in his own eyes, but the wise listen to advice. Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo.
16 A fool shows his anger at once, but the prudent overlook an insult. Ɔkwasea bo nkyɛre fu, nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.
17 Whoever speaks the truth gives honest testimony, but a false witness tells lies. Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo, na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.
18 Reckless words pierce like a sword, but the tongue of the wise brings healing. Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
19 Truthful lips endure forever, but a lying tongue lasts only a moment. Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
20 Deceit fills the hearts of those who plot evil, but joy belongs to those who promote peace. Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.
21 No harm overtakes the righteous, but the wicked are full of trouble. Ɔhaw biara rento ɔteneneeni, nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
22 Lying lips are detestable to our Father, but those who act faithfully are his delight. Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.
23 The prudent keep their knowledge to themselves, but the heart of fools blurts out foolishness. Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.
24 Diligent hands will rule, but laziness ends in forced labor. Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
25 Anxiety weighs down the heart, but a kind word cheers it up. Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
26 The righteous guide their neighbor, but the way of the wicked leads them astray. Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.
27 The lazy do not roast their game, but the diligent prize their possessions. Onihafoɔ ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.
28 In the path of righteousness there is life, and along that way there is no death. Tenenee kwan mu wɔ nkwa; na owuo nni saa ɛkwan no so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]