Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 11 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Dishonest scales are an abomination to our Father, but accurate weights are his delight. Awurade kyiri asisie nsania, na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.
2 When pride comes, then comes disgrace, but wisdom comes with the humble. Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.
3 The integrity of the upright guides them, but the crookedness of the treacherous destroys them. Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan; nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.
4 Wealth does not profit in the day of wrath, but righteousness delivers from death. Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no, nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.
5 The righteousness of the blameless makes their way straight, but the wicked falls by his own wickedness. Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn, nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.
6 The righteousness of the upright delivers them, but the treacherous are trapped by their own craving. Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.
7 When a wicked person dies, his hope perishes, and his confidence in his own strength comes to nothing. Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera; deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.
8 The righteous is delivered from trouble, and the wicked comes into it in his place. Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu, na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.
9 With his mouth the godless destroys his neighbor, but through knowledge the righteous are delivered. Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.
10 When things go well for the righteous, the city rejoices, and when the wicked perish, there are shouts of joy. Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie; nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.
11 By the blessing of the upright a city is exalted, but by the mouth of the wicked it is torn down. Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.
12 Whoever despises his neighbor lacks sense, but a person of understanding stays silent. Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
13 A gossip goes about revealing secrets, but someone with a trustworthy spirit can keep a secret. Osekuni da kɔkoamsɛm adi, nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.
14 Where there is no guidance, a people falls, but in an abundance of counselors there is safety. Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.
15 Whoever puts up security for a stranger will surely suffer for it, but whoever hates shaking hands on a pledge is secure. Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane, na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.
16 A gracious woman attains honor, and ruthless men attain riches. Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no, nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.
17 A kind person benefits himself, but a cruel person brings trouble on himself. Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho, na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.
18 The wicked earns deceptive wages, but whoever sows righteousness earns a true reward. Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina, nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.
19 Whoever is steadfast in righteousness finds life, but whoever pursues evil runs to his own death. Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa, nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.
20 Those of crooked heart are an abomination to our Father, but those whose ways are blameless are his delight. Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.
21 You can be sure the evil person will not go unpunished, but the children of the righteous will go free. Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua, na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.
22 Like a gold ring in a pig's snout is a beautiful woman who shows no discretion. Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.
23 The desire of the righteous ends only in good, but the hope of the wicked ends in wrath. Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.
24 One person gives freely, yet grows all the richer; another withholds what is right, only to end up in need. Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree; obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.
25 A generous soul will be enriched, and whoever refreshes others will himself be refreshed. Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho; na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
26 The people curse whoever holds back grain, but the one who sells it is blessed. Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie, na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.
27 Whoever diligently seeks good seeks favor, but whoever searches for evil, evil will come to him. Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ, na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
28 Whoever trusts in his riches will fall, but the righteous will flourish like green leaves. Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.
29 Whoever brings trouble on his own household will inherit the wind, and the fool will be servant to the wise of heart. Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.
30 The fruit of the righteous is a tree of life, and whoever wins souls is wise. Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.
31 If the righteous is repaid on earth, how much more the wicked and the sinner! Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]