Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 10 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The proverbs of Solomon: A wise son brings joy to his father, but a foolish son brings grief to his mother. Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.
2 Treasures gained by wickedness do not profit, but righteousness rescues from death. Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.
3 Our Father will not let the righteous go hungry, but he thwarts the craving of the wicked. Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.
4 Lazy hands make you poor, but diligent hands bring wealth. Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.
5 He who gathers in summer is a prudent son, but he who sleeps during harvest is a son who brings shame. Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.
6 Blessings rest on the head of the righteous, but the mouth of the wicked conceals violence. Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
7 The memory of the righteous is a blessing, but the name of the wicked will rot. Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.
8 A wise heart accepts commands, but a babbling fool comes to ruin. Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
9 Whoever walks in integrity walks securely, but he who makes his ways crooked will be found out. Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo, na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
10 Whoever winks causes trouble, and a babbling fool comes to ruin. Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
11 The mouth of the righteous is a fountain of life, but the mouth of the wicked conceals violence. Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire, na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
12 Hatred stirs up conflict, but love covers all offenses. Ɔtan hwanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
13 On the lips of the discerning, wisdom is found, but a rod is for the back of one who lacks sense. Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom, na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.
14 The wise store up knowledge, but the mouth of a fool invites ruin. Anyansafoɔ kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
15 The wealth of the rich is their fortified city; the ruin of the poor is their poverty. Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.
16 The wage of the righteous leads to life; the gain of the wicked leads to sin. Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn, na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.
17 Whoever accepts discipline is on the path to life, but he who ignores correction leads others astray. Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan, na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
18 Whoever conceals hatred is a liar, and whoever spreads slander is a fool. Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ, na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.
19 Where words are many, sin is never absent; but whoever holds his tongue is wise. Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu, na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
20 The tongue of the righteous is choice silver; the heart of the wicked is worth little. Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.
21 The lips of the righteous nourish many, but fools die for lack of sense. Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane, na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.
22 The blessing of our Father brings wealth, and he adds no sorrow with it. Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.
23 Doing wickedness is a game to a fool, but wisdom is the delight of a person of understanding. Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea, nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.
24 What the wicked dreads will come upon him, but the desire of the righteous will be granted. Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so; na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
25 When the storm has passed, the wicked are gone, but the righteous are established forever. Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera, nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
26 Like vinegar to the teeth and smoke to the eyes, so is the sluggard to those who send him. Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.
27 The fear of our Father lengthens life, but the years of the wicked will be cut short. Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.
28 The hope of the righteous brings joy, but the expectation of the wicked will perish. Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.
29 The way of our Father is a refuge for the blameless, but ruin for those who do evil. Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
30 The righteous will never be shaken, but the wicked will not remain in the land. Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da, nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.
31 The mouth of the righteous yields wisdom, but the perverse tongue will be cut off. Nyansa firi teneneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.
32 The lips of the righteous know what is acceptable, but the mouth of the wicked, only what is perverse. Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]