Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 9 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Wisdom has built her house; she has hewn out her seven pillars. Nyansa asi ne fie; watwa nʼafadum nson ho.
2 She has slaughtered her animals; she has mixed her wine; she has also set her table. Wasiesie nʼaduane afra ne nsã wato ne ɛpono.
3 She has sent out her young women to call from the highest places of the town: Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,
4 "Whoever is simple, let him come in here!" To the one who lacks sense she says, “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
5 "Come, eat my bread and drink the wine I have mixed. “Mommra mmɛdi mʼaduane na monnom nsã a mafra no.
6 Leave your simple ways, and live; walk in the way of insight." Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa; monnante nteaseɛ akwan so.”
7 Whoever corrects a mocker brings abuse on himself, and whoever rebukes a wicked man gets hurt. Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ; na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.
8 Do not rebuke a mocker, or he will hate you; rebuke a wise man, and he will love you. Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.
9 Instruct a wise man and he will grow wiser; teach a righteous man and he will learn even more. Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
10 The fear of our Father is the beginning of wisdom, and the knowledge of the Holy One is insight. Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
11 For by me your days will be multiplied, and years will be added to your life. Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.
12 If you are wise, you are wise for yourself; if you scoff, you alone will bear it. Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ; sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.
13 The woman Folly is loud; she is naive and knows nothing. Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ; ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.
14 She sits at the door of her house, on a seat at the highest places of the town, Ɔte ne fie ɛpono ano, na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
15 calling to those who pass by, who are going straight on their way: na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,
16 "Whoever is simple, let him come in here!" And to the one who lacks sense she says, “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
17 "Stolen water is sweet, and bread eaten in secret is pleasant." “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”
18 But he does not know that the dead are there, that her guests are in the depths of the grave. Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]