Side by side with the Father's Heart Bible™ Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ
1Nyansa asi ne fie;watwa nʼafadum nson ho.
2Wasiesie nʼaduane afra ne nsãwato ne ɛpono.
3Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛfiri kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,
4“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
5“Mommra mmɛdi mʼaduanena monnom nsã a mafra no.
6Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;monnante nteaseɛ akwan so.”
7Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.
8Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.
9Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
10Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛƆkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.
11Me mu na wo nna bɛdɔɔso,na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.
12Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.
13Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.
14Ɔte ne fie ɛpono ano,na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
15na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,
16“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,
17“Nsuo a wɔwia no yɛ fremfremna aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”
18Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔsɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.