Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 8 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Does not Wisdom call out, and understanding raise her voice? Tie: Nyansa refrɛ. Nteaseɛ ma ne nne so.
2 Atop the heights along the way, where the paths meet, she takes her stand. Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,
3 Beside the gates, at the entrance to the city, at the doorways she cries aloud: apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho, ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,
4 "To you, all people, I call out; my voice reaches all humanity. “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ; meteam frɛ adasamma nyinaa.
5 You who are simple, learn prudence; you who are foolish, gain an understanding heart. Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte; mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.
6 Listen, for I speak of noble things, and everything I say is right. Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.
7 My mouth utters truth, for my lips detest wickedness. Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.
8 All the words of my mouth are righteous; none of them is twisted or crooked. Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ; ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
9 To the one who understands they are all clear, and right to those who find knowledge. Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10 Take my instruction instead of silver, and knowledge rather than choice gold, Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.
11 for wisdom is better than jewels, and nothing you desire can compare with her. Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota, na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.
12 I, Wisdom, dwell with prudence, and I find knowledge and discretion. “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.
13 The fear of our Father is to hate evil. Pride and arrogance, the evil way, and perverse speech I hate. Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne; mekyiri ahantan ne ahomasoɔ, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14 Counsel is mine, and sound wisdom; I am understanding; strength is mine. Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi.
15 By me kings reign, and rulers decree what is just; Me so na ahemfo nam di adeɛ na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16 by me princes govern, and nobles—all who rule with justice. Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.
17 I love those who love me, and those who search for me find me. Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.
18 With me are riches and honor, enduring wealth and righteousness. Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn, ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.
19 My fruit is better than gold, than the finest gold, and what I yield surpasses choice silver. Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa; deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.
20 I walk in the way of righteousness, along the paths of justice, Tenenee akwan so na menam atɛntenenee akwan so,
21 giving wealth as an inheritance to those who love me, and filling their treasuries. mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.
22 Our Father brought me forth at the beginning of his way, before his works of old. “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan dii ne tete nneyɛɛ anim;
23 From ages past I was established, from the beginning, before the earth began. ɔyii me sii hɔ firi tete, ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.
24 When there were no deep waters I was brought forth, when there were no springs overflowing with water. Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;
25 Before the mountains were settled, before the hills, I was brought forth, ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ, wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,
26 while he had not yet made the earth and its fields, or the first dust of the world. ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.
27 When he set the heavens in place, I was there; when he drew a circle over the face of the deep, Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,
28 when he set the skies in place above, when he established the springs of the deep, ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,
29 when he set for the sea its boundary so the waters would not cross their limits, when he marked out the foundations of the earth, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ, ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,
30 then I was beside him as a master craftsman, and I was his daily delight, rejoicing before him always, na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn. Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,
31 rejoicing in his whole world, and delighting in the human family. na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adasamma mu.
32 And now, my children, listen to me: blessed are those who keep my ways. “Enti me mma, montie me; nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.
33 Listen to instruction and be wise; do not ignore it. Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa; mommu mo ani nngu so.
34 Blessed is the one who listens to me, watching daily at my gates, waiting beside my doorway. Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35 For whoever finds me finds life and receives favor from our Father. Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.
36 But whoever misses me harms his own soul; all who hate me love death." Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]