Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 7 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 My son, keep my words, and store up my commandments within you. Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.
2 Keep my commandments and live; guard my teaching as the apple of your eye. Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.
3 Bind them on your fingers; write them on the tablet of your heart. Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.
4 Say to wisdom, "You are my sister," and call understanding your dearest friend, Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani;
5 to keep you from the forbidden woman, from the stranger with her smooth words. Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.
6 For at the window of my house I looked down through my lattice, Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu.
7 and I saw among the naive, I noticed among the young men, a youth who lacked sense, Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.
8 passing through the street near her corner, taking the road to her house, Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie
9 in the twilight, as the day faded, in the dark of night and gloom. ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no.
10 And there a woman comes to meet him, dressed like a prostitute, with cunning in her heart. Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.
11 She is loud and defiant; her feet will not stay at home. (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa;
12 Now in the street, now in the squares, she lurks at every corner. ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)
13 She grabs him and kisses him, and with a brazen face she says to him: Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ,
14 "I had peace offerings to bring; today I have paid my vows. “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.
15 So I came out to meet you, to look for you eagerly, and I have found you. Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!
16 I have spread my bed with coverings, with colored linens from Egypt. Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.
17 I have perfumed my bed with myrrh, aloes, and cinnamon. Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon.
18 Come, let us drink deep of love until morning; let us lose ourselves in love. Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;
19 For my husband is not at home; he has gone on a long journey. Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre.
20 He took a bag of money with him and will not come home until the full moon." Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”
21 With all her persuasive words she sways him; with her smooth lips she draws him in. Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.
22 All at once he follows her, like an ox going to the slaughter, like a deer stepping into a snare, Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu
23 until an arrow pierces its liver; like a bird darting into a trap, he does not know it will cost him his life. kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
24 Now then, my sons, listen to me, and pay attention to what I say. Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.
25 Do not let your heart turn aside to her ways; do not wander into her paths. Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so.
26 For she has brought down many victims; her slain are a mighty multitude. Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27 Her house is the road to the grave, going down to the chambers of death. Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]