Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 6 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 My son, if you have put up security for your neighbor, if you have shaken hands in pledge for a stranger, Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,
2 you have been snared by the words of your mouth, caught by the words of your mouth. sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,
3 Then do this, my son, and free yourself, for you are now at your neighbor's mercy: go, humble yourself, and plead with your neighbor. ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti: fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
4 Give no sleep to your eyes, no slumber to your eyelids. Mma wʼani nkum na nntɔ nko.
5 Free yourself like a gazelle from the hand, like a bird from the hand of the trapper. Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.
6 Go to the ant, you sluggard; consider her ways and be wise. Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!
7 Without having any chief, officer, or ruler, Ɔnni ɔsahene, ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,
8 she prepares her bread in summer and gathers her food in harvest. nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.
9 How long will you lie there, sluggard? When will you arise from your sleep? Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn? Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?
10 A little sleep, a little slumber, a little folding of the hands to rest, Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra,
11 and poverty will come upon you like a robber, and scarcity like an armed man. ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.
12 A worthless person, a wicked man, goes about with crooked speech, Onipa teta ne ohuhuni a ɔde atorɔ kyini,
13 winks with his eyes, signals with his feet, points with his fingers, deɛ ɔbu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,
14 with perverted heart he devises evil, continually sowing discord; deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne, na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.
15 therefore calamity will come upon him suddenly; in a moment he will be broken beyond healing. Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.
16 There are six things our Father hates, seven that are detestable to him: Nneɛma nsia na Awurade mpɛ, nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:
17 haughty eyes, a lying tongue, and hands that shed innocent blood, ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,
18 a heart that devises wicked plans, feet that hurry to run to evil, akoma a ɛdwene amumuyɛ ho, nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,
19 a false witness who breathes out lies, and one who sows discord among brothers. Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
20 My son, keep your father's commandment, and do not forsake your mother's teaching. Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.
21 Bind them on your heart always; tie them around your neck. Fa kyekyere wʼakoma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
22 When you walk, they will lead you; when you lie down, they will watch over you; and when you awake, they will talk with you. Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
23 For the commandment is a lamp and the teaching a light, and the reproofs of discipline are the way of life, Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea; saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi yɛ nkwa kwan,
24 to keep you from the evil woman, from the smooth tongue of the adulteress. ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho, firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.
25 Do not desire her beauty in your heart, and do not let her capture you with her eyelashes; Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
26 for the price of a prostitute is only a loaf of bread, but a married woman hunts down a precious life. ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo, na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.
27 Can a man carry fire next to his chest and his clothes not be burned? Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a ɛnhye nʼatadeɛ anaa?
28 Or can one walk on hot coals and his feet not be scorched? Obi bɛtumi anante gyasramma so a mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?
29 So is he who sleeps with his neighbor's wife; none who touches her will go unpunished. Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.
30 People do not despise a thief if he steals to satisfy his appetite when he is hungry, Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.
31 but if he is caught, he will pay sevenfold; he will give all the goods of his house. Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson; sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.
32 He who commits adultery lacks sense; he who does it destroys himself. Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.
33 He will get wounds and dishonor, and his disgrace will not be wiped away. Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na nʼahohora rempepa da.
34 For jealousy makes a man furious, and he will show no mercy in the day of vengeance. Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.
35 He will accept no compensation; he will refuse no matter how large the bribe. Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]