Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 5 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 My son, pay attention to my wisdom; listen closely to my understanding, Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhunumu nsɛm no yie,
2 so that you may guard discretion and your lips may preserve knowledge. sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie, na wʼano akora nimdeɛ.
3 For the lips of the forbidden woman drip honey, and her mouth is smoother than oil, Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ, na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;
4 but in the end she is bitter as poison, sharp as a double-edged sword. nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.
5 Her feet go down to death; her steps take hold of the grave. Ne nan kɔ owuo mu; nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.
6 She gives no thought to the path of life; her ways wander, and she does not know it. Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.
7 And now, my sons, listen to me, and do not turn away from the words of my mouth. Enti, afei, me mma, montie me; Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.
8 Keep your way far from her, and do not go near the door of her house, Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so mommmɛn ne fie ɛpono ano,
9 lest you give your honor to others and your years to one who is cruel, anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,
10 lest strangers take their fill of your strength, and your hard-earned labors go to the house of a foreigner, anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.
11 and at your end you groan, when your flesh and body are consumed, Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.
12 and you say, "How I hated discipline, and my heart despised correction! Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ! Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!
13 I did not listen to the voice of my teachers or heed my instructors. Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.
14 I was at the brink of utter ruin in the midst of the assembled congregation." Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa wɔ asafo no nyinaa mu.”
15 Drink water from your own cistern, flowing water from your own well. Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu, nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.
16 Should your springs overflow in the streets, your streams of water in the public squares? Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?
17 Let them be yours alone, and not shared with strangers. Ma ɛnyɛ wo nko ara dea, a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.
18 May your fountain be blessed, and rejoice in the wife of your youth, Nhyira nka wʼasubura na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.
19 a loving doe, a graceful deer. May her love satisfy you always; may you be captivated continually by her love. Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ. Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
20 Why then, my son, should you be captivated by a forbidden woman and embrace another man's wife? Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo? Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?
21 For a man's ways are before the eyes of our Father, and he examines all the man's paths. Awurade hunu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
22 The wicked are caught by their own wrongdoing and held fast in the cords of their sin. Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie; na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.
23 He will die for lack of discipline, and he will go astray because of his great foolishness. Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti, na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]