Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 5 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Adwamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, yɛ aso ma me nyansa;tie me nhunumu nsɛm no yie,

2sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,na wʼano akora nimdeɛ.

3Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

4nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

5Ne nan kɔ owuo mu;nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

6Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

7Enti, afei, me mma, montie me;Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

8Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa somommmɛn ne fie ɛpono ano,

9anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔna mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

10anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛna mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

11Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinieɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

12Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

13Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔna mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

14Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoawɔ asafo no nyinaa mu.”

15Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.

16Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene sona wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?

17Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.

18Nhyira nka wʼasuburana wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

19Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daana ne dɔ nkyekyere wo.

20Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

21Awurade hunu onipa akwan nyinaa,na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

22Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

23Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti,na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]