Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 4 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Listen, my children, to a father's instruction; pay attention, and gain understanding. Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya nteaseɛ.
2 I am giving you sound teaching, so do not abandon my instruction. Mema mo adenim a ɛkɔ anim, enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
3 For I too was a son to my father, tender and the only beloved of my mother. Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie, meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,
4 He taught me and said, "Let your heart hold on to my words; keep my commands and you will live. ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.
5 Get wisdom, get understanding; do not forget, and do not turn away from the words of my mouth. Nya nyansa, nya nteaseɛ; mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.
6 Do not forsake her, and she will protect you; love her, and she will watch over you. Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
7 The beginning of wisdom is this: get wisdom; and with all you acquire, get understanding. Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
8 Cherish her, and she will lift you high; embrace her, and she will bring you honor. Di no nni na ɛbɛpagya wo; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.
9 She will set a garland of grace on your head; she will present you with a crown of glory." Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”
10 Listen, my son, and receive my words, and the years of your life will be many. Me ba, tie na fa deɛ meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
11 I have taught you the way of wisdom; I have led you along straight paths. Mɛkyerɛ wo nyansakwan na mede wo afa akwan a ɛtene so.
12 When you walk, your steps will not be held back; and when you run, you will not stumble. Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ na sɛ wotu mmirika a, worensunti.
13 Hold on to instruction, do not let go; guard her, for she is your life. Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 Do not set foot on the path of the wicked, and do not walk in the way of evildoers. Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so na nnante abɔnefoɔ kwan so.
15 Avoid it, do not travel on it; turn away from it and pass on by. Kwati no, ntu kwan mfa so; dane firi so na kɔ wo baabi.
16 For they cannot sleep unless they do wrong; they are robbed of rest unless they make someone stumble. Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne; na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
17 They feed on the bread of wickedness and drink the wine of violence. Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane, na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.
18 But the path of the righteous is like the light of dawn, shining brighter and brighter until the full light of day. Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan, ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.
19 The way of the wicked is like deep darkness; they do not know what makes them stumble. Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii; wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
20 My son, pay attention to my words; listen closely to my sayings. Me ba, yɛ aso ma deɛ meka; tie me nsɛm no yie.
21 Never lose sight of them; keep them deep within your heart. Mma ɛmfiri wʼani so, fa sie wʼakoma mu;
22 For they are life to those who find them, and healing to their whole body. ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.
23 Above all else, guard your heart, for everything you do flows from it. Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban, ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
24 Keep crooked speech from your mouth, and keep deceitful lips far from you. Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
25 Let your eyes look straight ahead; fix your gaze directly before you. Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.
26 Give careful thought to the path for your feet, and all your ways will be secure. Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan na fa akwan a atim so.
27 Do not turn to the right or the left; keep your foot away from evil. Mmane mfa nifa anaa benkum; twe wo nan firi bɔne ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]