Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 My son, do not forget my teaching, but let your heart keep my commandments, Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,
2 for they will add length of days and years of life and peace to you. na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo.
3 Do not let covenant love and faithfulness leave you; bind them around your neck, write them on the tablet of your heart. Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn fa yane wo kɔn mu twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.
4 So you will find favor and a good reputation with our Father and with people. Na wobɛnya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
5 Trust in our Father with all your heart, and do not lean on your own understanding. Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;
6 In all your ways know him, and he will make your paths straight. hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan.
7 Do not be wise in your own eyes; fear our Father, and turn away from evil. Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ suro Awurade na kyiri bɔne.
8 This will bring healing to your body and refreshment to your bones. Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua na ayɛ aduane ama wo nnompe.
9 Honor our Father with your wealth and with the firstfruits of all your produce, Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;
10 then your barns will be filled with plenty, and your vats will overflow with new wine. na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so
11 My son, do not despise the discipline of our Father or be weary of his correction, Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,
12 for our Father disciplines the one his heart loves, just as a father disciplines the son he delights in. Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.
13 Blessed is the one who finds wisdom, and the one who gains understanding, Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ,
14 for the gain from her is better than gain from silver, and her profit better than gold. ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ, na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.
15 She is more precious than jewels, and nothing you desire can compare with her. Ne boɔ yɛ dene sene bota; na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.
16 Long life is in her right hand; in her left hand are riches and honor. Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
17 Her ways are pleasant, and all her paths are peace. Nʼakwan yɛ ahomeka, na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.
18 She is a tree of life to those who take hold of her; those who hold her fast are called blessed. Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu; wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.
19 Our Father by wisdom founded the earth; by understanding he established the heavens; Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem, na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.
20 by his knowledge the depths burst open, and the clouds drop down the dew. Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu, na omununkum nso tɔɔ bosuo.
21 My son, do not lose sight of these; keep sound wisdom and discretion, Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie, na mma ɛmfiri wʼani so;
22 and they will be life for your soul and an adornment for your neck. ɛbɛyɛ nkwa ama wo, ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.
23 Then you will walk on your way securely, and your foot will not stumble. Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, na wo nan rensunti;
24 If you lie down, you will not be afraid; when you lie down, your sleep will be sweet. sɛ woda a worensuro; sɛ woda a wʼani bɛkum.
25 Do not be afraid of sudden terror, or of the ruin of the wicked when it comes, Nsuro mpofirim amanehunu anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,
26 for our Father will be your confidence and will keep your foot from being caught. Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.
27 Do not withhold good from those who deserve it, when it is in your power to do it. Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.
28 Do not say to your neighbor, "Go, and come back, and tomorrow I will give it"—when you have it with you. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.
29 Do not plot evil against your neighbor, who lives trustingly beside you. Mpam ɔhaw mma wo yɔnko ɛberɛ a ɔne wo te yie.
30 Do not quarrel with anyone for no reason, when he has done you no harm. Mfa ɛso nto obi so kwa ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.
31 Do not envy a violent man, and do not choose any of his ways, Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ, na mfa nʼakwan no mu biara,
32 for the devious person is detestable to our Father, but he takes the upright into his confidence. ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.
33 The curse of our Father is on the house of the wicked, but he blesses the home of the righteous. Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so, na ɔhyira ɔteneneeni fie.
34 Toward the mockers he is scornful, but to the humble he gives grace. Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ na ɔdom ahobrɛasefoɔ.
35 The wise will inherit honor, but fools get only disgrace. Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi, nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]