Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 My son, if you receive my words and store up my commandments within you, Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,
2 making your ear attentive to wisdom and turning your heart toward understanding; sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wʼakoma ma nteaseɛ,
3 yes, if you call out for insight and raise your voice for understanding, na woma wo nne so frɛ nhunumu na wosu frɛ nteaseɛ,
4 if you seek it like silver and search for it as for hidden treasure, na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,
5 then you will understand the fear of our Father and find the knowledge of our Father. ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
6 For our Father gives wisdom; from his mouth come knowledge and understanding. Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.
7 He stores up sound wisdom for the upright; he is a shield to those who walk in integrity, Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
8 guarding the paths of justice and watching over the way of his faithful ones. ɔwɛn deɛ ɔtene akwan, na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.
9 Then you will understand righteousness and justice and fairness—every good path. Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.
10 For wisdom will enter your heart, and knowledge will be pleasant to your soul; Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
11 discretion will watch over you, and understanding will guard you, Adwene bɛbɔ wo ho ban na nteaseɛ ahwɛ wo so.
12 rescuing you from the way of evil, from men who speak twisted things, Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu, ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
13 who abandon the paths of uprightness to walk in the ways of darkness, na wɔmane firi akwan pa so kɔnante esum akwan so,
14 who delight in doing evil and rejoice in the perversity of evil, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
15 whose paths are crooked, and who are devious in their ways. wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.
16 Wisdom will rescue you also from the forbidden woman, from the stranger with her smooth words, Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam, afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,
17 who forsakes the companion of her youth and forgets the covenant of her Father. deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
18 For her house sinks down to death, and her paths to the dead. Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.
19 None who go to her return, nor do they reach the paths of life. Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
20 So you will walk in the way of the good and keep to the paths of the righteous. Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi na woanante ateneneefoɔ akwan so.
21 For the upright will live in the land, and those of integrity will remain in it; Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
22 but the wicked will be cut off from the land, and the treacherous will be torn away from it. na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so, na wɔatɔre atorofoɔ ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]