Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 1 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The proverbs of Solomon, son of David, king of Israel: Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:
2 To know wisdom and instruction, to understand words of insight, Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ; ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
3 to receive instruction in wise conduct, in righteousness, justice, and fairness, sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa, a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;
4 to give prudence to the simple, knowledge and discretion to the young, sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.
5 let the wise also hear and increase in learning, and let the one who understands gain guidance, Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a
6 to understand a proverb and a parable, the words of the wise and their riddles. ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo, anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.
7 The fear of our Father is the beginning of knowledge; fools despise wisdom and instruction. Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ, na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.
8 Listen, my son, to your father's instruction, and don't turn away from your mother's teaching, Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
9 for they are a graceful garland for your head and pendants for your neck. Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban.
10 My son, if sinners entice you, do not give in. Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a, mma wɔn ho ɛkwan.
11 If they say, "Come with us, let us lie in wait for blood, let us ambush the innocent without cause; Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi, ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 like the grave let us swallow them alive, and whole, like those who go down to the pit; ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda, yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;
13 we will find all kinds of precious goods, we will fill our houses with plunder; yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;
14 throw in your lot with us; we will all share one purse," enti, fa wo ho bɛhyɛ mu, na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,
15 my son, do not walk in the way with them; hold back your foot from their paths, Me ba, wo ne wɔn nnante, mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
16 for their feet run to evil, and they hurry to shed blood. Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.
17 For a net spread out before any bird's eyes catches nothing; Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!
18 but these lie in wait for their own blood; they ambush their own lives. Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya; wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!
19 Such are the ways of everyone greedy for unjust gain; it takes away the life of its possessors. Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ; ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
20 Wisdom cries aloud in the street; in the open squares she lifts her voice. Nyansa team wɔ mmɔntene so, ɔma ne nne so wɔ adwaberem,
21 At the head of the noisy streets she calls out; at the entrance of the city gates she speaks: ɔteaam wɔ afasuo no atifi, ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,
22 "How long, simple ones, will you love being simple? How long will mockers delight in their mocking and fools hate knowledge? “Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn? Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn? Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?
23 If you respond to my correction, I, Wisdom, will pour out my spirit on you; I will make my words known to you. Sɛ motiee mʼaninka a, anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo maa mo hunuu me nsusuiɛ.
24 Because I have called and you refused, I stretched out my hand and no one paid attention, Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,
25 and you ignored all my counsel and rejected all my correction, sɛ mopoo mʼafotuo, na moampɛ mʼanimka enti,
26 I also will laugh at your calamity; I will mock when terror overtakes you, me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,
27 when terror overtakes you like a storm and your calamity comes like a whirlwind, when distress and anguish come upon you. sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa, na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,
28 Then they will call on me, but I will not answer; they will seek me earnestly but will not find me, “Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo; mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.
29 because they hated knowledge and did not choose the fear of our Father, Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.
30 they rejected my counsel and despised all my correction. Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo, na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,
31 So they will eat the fruit of their own way and have their fill of their own schemes. wɔbɛdi wɔn akwan so aba na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.
32 For the waywardness of the simple will kill them, and the complacency of fools will destroy them; Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn, na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 but whoever listens to me will dwell secure and be at ease, without dread of disaster." Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]