Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 4 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Pere Hwehwɛ Nyansa

1Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ;monyɛ aso na moanya ntease.

2Mema mo adesua a ɛkɔ anim,enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima,meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.

4Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se,“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm,di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

5Nya nyansa, nya ntease;mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

6Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

8Di no ni na ɛbɛma wo so;yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti sona wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”

10Me ba, tie na fa nea meka no,na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11Mɛkyerɛ wo nyansa kwan sona mede wo afa akwan a ɛteɛ so.

12Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waana sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

14Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan sona nnantew abɔnefo kwan so.

15Kwati no, ntu kwan mfa so;dan fi so na kɔ wo kwan.

16Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna;na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17Wodi amumɔyɛsɛm brodo,na wɔnom kitikitiyɛ nsa.

18Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan,ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.

19Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii;wonnim nea ɛma wohintiw.

20Me ba, yɛ aso ma nea meka;tie me nsɛm no yiye.

21Mma emfi wʼani so,fa sie wo koma mu;

22efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohune akwahosan ma nipadua no nyinaa.

23Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

24Mma oburu kasa mfi wʼano;mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25Hwɛ wʼanim tee,na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

26Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼananna fa akwan a atim so.

27Mman mfa nifa anaa benkum;twe wo nan fi bɔne ho.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]