Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 4 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Listen, my children, to a father's instruction; pay attention, and gain understanding. Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya ntease.
2 I am giving you sound teaching, so do not abandon my instruction. Mema mo adesua a ɛkɔ anim, enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
3 For I too was a son to my father, tender and the only beloved of my mother. Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.
4 He taught me and said, "Let your heart hold on to my words; keep my commands and you will live. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.
5 Get wisdom, get understanding; do not forget, and do not turn away from the words of my mouth. Nya nyansa, nya ntease; mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.
6 Do not forsake her, and she will protect you; love her, and she will watch over you. Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
7 The beginning of wisdom is this: get wisdom; and with all you acquire, get understanding. Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.
8 Cherish her, and she will lift you high; embrace her, and she will bring you honor. Di no ni na ɛbɛma wo so; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.
9 She will set a garland of grace on your head; she will present you with a crown of glory." Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”
10 Listen, my son, and receive my words, and the years of your life will be many. Me ba, tie na fa nea meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
11 I have taught you the way of wisdom; I have led you along straight paths. Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.
12 When you walk, your steps will not be held back; and when you run, you will not stumble. Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.
13 Hold on to instruction, do not let go; guard her, for she is your life. Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 Do not set foot on the path of the wicked, and do not walk in the way of evildoers. Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so na nnantew abɔnefo kwan so.
15 Avoid it, do not travel on it; turn away from it and pass on by. Kwati no, ntu kwan mfa so; dan fi so na kɔ wo kwan.
16 For they cannot sleep unless they do wrong; they are robbed of rest unless they make someone stumble. Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
17 They feed on the bread of wickedness and drink the wine of violence. Wodi amumɔyɛsɛm brodo, na wɔnom kitikitiyɛ nsa.
18 But the path of the righteous is like the light of dawn, shining brighter and brighter until the full light of day. Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.
19 The way of the wicked is like deep darkness; they do not know what makes them stumble. Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; wonnim nea ɛma wohintiw.
20 My son, pay attention to my words; listen closely to my sayings. Me ba, yɛ aso ma nea meka; tie me nsɛm no yiye.
21 Never lose sight of them; keep them deep within your heart. Mma emfi wʼani so, fa sie wo koma mu;
22 For they are life to those who find them, and healing to their whole body. efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.
23 Above all else, guard your heart, for everything you do flows from it. Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.
24 Keep crooked speech from your mouth, and keep deceitful lips far from you. Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
25 Let your eyes look straight ahead; fix your gaze directly before you. Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.
26 Give careful thought to the path for your feet, and all your ways will be secure. Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan na fa akwan a atim so.
27 Do not turn to the right or the left; keep your foot away from evil. Mman mfa nifa anaa benkum; twe wo nan fi bɔne ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]