Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 My son, do not forget my teaching, but let your heart keep my commandments, Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara wɔ wo koma mu,
2 for they will add length of days and years of life and peace to you. na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree na ɛde yiyedi abrɛ wo.
3 Do not let covenant love and faithfulness leave you; bind them around your neck, write them on the tablet of your heart. Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so.
4 So you will find favor and a good reputation with our Father and with people. Na wubenya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
5 Trust in our Father with all your heart, and do not lean on your own understanding. Fa wo koma nyinaa to Awurade so, na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
6 In all your ways know him, and he will make your paths straight. hu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛteɛ wʼakwan.
7 Do not be wise in your own eyes; fear our Father, and turn away from evil. Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo; suro Awurade na kyi bɔne.
8 This will bring healing to your body and refreshment to your bones. Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua, na ayɛ aduan ama wo nnompe.
9 Honor our Father with your wealth and with the firstfruits of all your produce, Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam, ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;
10 then your barns will be filled with plenty, and your vats will overflow with new wine. na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsa foforo abu afa wʼahina so.
11 My son, do not despise the discipline of our Father or be weary of his correction, Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye, na mmu nʼanimka so,
12 for our Father disciplines the one his heart loves, just as a father disciplines the son he delights in. Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.
13 Blessed is the one who finds wisdom, and the one who gains understanding, Nhyira nka onipa a ohu nyansa, onipa a onya ntease,
14 for the gain from her is better than gain from silver, and her profit better than gold. efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ, na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ.
15 She is more precious than jewels, and nothing you desire can compare with her. Ne bo yɛ den sen bota; na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho.
16 Long life is in her right hand; in her left hand are riches and honor. Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
17 Her ways are pleasant, and all her paths are peace. Nʼakwan yɛ ahomeka, na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.
18 She is a tree of life to those who take hold of her; those who hold her fast are called blessed. Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu; wɔn a wokura no mu no benya nhyira.
19 Our Father by wisdom founded the earth; by understanding he established the heavens; Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem, na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.
20 by his knowledge the depths burst open, and the clouds drop down the dew. Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu, na omununkum nso tɔɔ obosu.
21 My son, do not lose sight of these; keep sound wisdom and discretion, Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie, na mma emfi wʼani so;
22 and they will be life for your soul and an adornment for your neck. ɛbɛyɛ nkwa ama wo, nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.
23 Then you will walk on your way securely, and your foot will not stumble. Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, na wo nan renhintiw;
24 If you lie down, you will not be afraid; when you lie down, your sleep will be sweet. sɛ woda a worensuro; sɛ woda a wʼani bekum.
25 Do not be afraid of sudden terror, or of the ruin of the wicked when it comes, Nsuro mpofirim amanehunu anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,
26 for our Father will be your confidence and will keep your foot from being caught. efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.
27 Do not withhold good from those who deserve it, when it is in your power to do it. Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, bere a tumi wɔ wo nsam.
28 Do not say to your neighbor, "Go, and come back, and tomorrow I will give it"—when you have it with you. Nka nkyerɛ wo yɔnko se: “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” wɔ bere a wowɔ no saa bere no.
29 Do not plot evil against your neighbor, who lives trustingly beside you. Mpam ɔhaw mma wo yɔnko bere a ɔne wo te yiye.
30 Do not quarrel with anyone for no reason, when he has done you no harm. Mmɔ obi sobo kwa bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.
31 Do not envy a violent man, and do not choose any of his ways, Mma wʼani mmere basabasayɛfo, na mfa nʼakwan no mu biara,
32 for the devious person is detestable to our Father, but he takes the upright into his confidence. efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.
33 The curse of our Father is on the house of the wicked, but he blesses the home of the righteous. Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so, na ohyira ɔtreneeni fi.
34 Toward the mockers he is scornful, but to the humble he gives grace. Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.
35 The wise will inherit honor, but fools get only disgrace. Anyansafo benya anuonyam adi, nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]