Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 My son, if you receive my words and store up my commandments within you, Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na woma me mmaransɛm tena wo mu a,
2 making your ear attentive to wisdom and turning your heart toward understanding; sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wo koma ma ntease,
3 yes, if you call out for insight and raise your voice for understanding, na woma wo nne so frɛ nhumu na wusu frɛ ntease,
4 if you seek it like silver and search for it as for hidden treasure, na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,
5 then you will understand the fear of our Father and find the knowledge of our Father. ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
6 For our Father gives wisdom; from his mouth come knowledge and understanding. Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
7 He stores up sound wisdom for the upright; he is a shield to those who walk in integrity, Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
8 guarding the paths of justice and watching over the way of his faithful ones. ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.
9 Then you will understand righteousness and justice and fairness—every good path. Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.
10 For wisdom will enter your heart, and knowledge will be pleasant to your soul; Afei nyansa bewura wo koma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
11 discretion will watch over you, and understanding will guard you, Adwene bɛbɔ wo ho ban na ntease ahwɛ wo so.
12 rescuing you from the way of evil, from men who speak twisted things, Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu, ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
13 who abandon the paths of uprightness to walk in the ways of darkness, wɔn a wɔaman afi akwan pa so akɔnantew sum akwan so no,
14 who delight in doing evil and rejoice in the perversity of evil, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
15 whose paths are crooked, and who are devious in their ways. wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.
16 Wisdom will rescue you also from the forbidden woman, from the stranger with her smooth words, Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam, afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,
17 who forsakes the companion of her youth and forgets the covenant of her Father. nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
18 For her house sinks down to death, and her paths to the dead. Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.
19 None who go to her return, nor do they reach the paths of life. Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
20 So you will walk in the way of the good and keep to the paths of the righteous. Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi na woanantew atreneefo akwan so.
21 For the upright will live in the land, and those of integrity will remain in it; Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
22 but the wicked will be cut off from the land, and the treacherous will be torn away from it. na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, na wɔatɔre atorofo ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]