Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The proverbs of Solomon, son of David, king of Israel: Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:
2 To know wisdom and instruction, to understand words of insight, Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso; ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
3 to receive instruction in wise conduct, in righteousness, justice, and fairness, sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu, a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;
4 to give prudence to the simple, knowledge and discretion to the young, sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,
5 let the wise also hear and increase in learning, and let the one who understands gain guidance, anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a
6 to understand a proverb and a parable, the words of the wise and their riddles. ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu, anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.
7 The fear of our Father is the beginning of knowledge; fools despise wisdom and instruction. Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase, na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.
8 Listen, my son, to your father's instruction, and don't turn away from your mother's teaching, Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.
9 for they are a graceful garland for your head and pendants for your neck. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu atweaban.
10 My son, if sinners entice you, do not give in. Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a, mma wɔn ho kwan.
11 If they say, "Come with us, let us lie in wait for blood, let us ambush the innocent without cause; Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi, ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 like the grave let us swallow them alive, and whole, like those who go down to the pit; ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda, koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu;
13 we will find all kinds of precious goods, we will fill our houses with plunder; yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;
14 throw in your lot with us; we will all share one purse," fa wo ho bɛhyɛ mu, na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.”
15 my son, do not walk in the way with them; hold back your foot from their paths, Me ba, wo ne wɔn nnantew, mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
16 for their feet run to evil, and they hurry to shed blood. Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.
17 For a net spread out before any bird's eyes catches nothing; So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiri wɔ beae a anomaa biara hu!
18 but these lie in wait for their own blood; they ambush their own lives. Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya; wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!
19 Such are the ways of everyone greedy for unjust gain; it takes away the life of its possessors. Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te; ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
20 Wisdom cries aloud in the street; in the open squares she lifts her voice. Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so, ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea,
21 At the head of the noisy streets she calls out; at the entrance of the city gates she speaks: ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi, ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se,
22 "How long, simple ones, will you love being simple? How long will mockers delight in their mocking and fools hate knowledge? “Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn? Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn? Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?
23 If you respond to my correction, I, Wisdom, will pour out my spirit on you; I will make my words known to you. Sɛ mutiee mʼanimka a, anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo ma muhuu me nsusuwii.
24 Because I have called and you refused, I stretched out my hand and no one paid attention, Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,
25 and you ignored all my counsel and rejected all my correction, sɛ mopoo mʼafotu, na moampɛ mʼanimka nti,
26 I also will laugh at your calamity; I will mock when terror overtakes you, me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,
27 when terror overtakes you like a storm and your calamity comes like a whirlwind, when distress and anguish come upon you. sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ, na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,
28 Then they will call on me, but I will not answer; they will seek me earnestly but will not find me, “Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua; wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.
29 because they hated knowledge and did not choose the fear of our Father, Esiane sɛ wokyii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade,
30 they rejected my counsel and despised all my correction. sɛ wɔpoo mʼafotu, na wobuu me nteɛso animtiaa nti,
31 So they will eat the fruit of their own way and have their fill of their own schemes. wobedi wɔn akwan so aba; na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.
32 For the waywardness of the simple will kill them, and the complacency of fools will destroy them; Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn, na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 but whoever listens to me will dwell secure and be at ease, without dread of disaster." Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]