Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 My son, pay attention to my wisdom; listen closely to my understanding, Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhumu nsɛm no yiye,
2 so that you may guard discretion and your lips may preserve knowledge. sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye, na wʼano akora nimdeɛ.
3 For the lips of the forbidden woman drip honey, and her mouth is smoother than oil, Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo, na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;
4 but in the end she is bitter as poison, sharp as a double-edged sword. nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.
5 Her feet go down to death; her steps take hold of the grave. Nʼanan kɔ owu mu; nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee.
6 She gives no thought to the path of life; her ways wander, and she does not know it. Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.
7 And now, my sons, listen to me, and do not turn away from the words of my mouth. Enti afei, me mma, muntie me; Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.
8 Keep your way far from her, and do not go near the door of her house, Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so; mommmɛn ne fi pon ano,
9 lest you give your honor to others and your years to one who is cruel, anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,
10 lest strangers take their fill of your strength, and your hard-earned labors go to the house of a foreigner, anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.
11 and at your end you groan, when your flesh and body are consumed, Mo nkwanna akyi, mubesi apini, bere a mo honam ne mo nipadua asa no.
12 and you say, "How I hated discipline, and my heart despised correction! Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso! Me koma ampɛ nteɛso!
13 I did not listen to the voice of my teachers or heed my instructors. Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo na mantie me kwankyerɛfo asɛm.
14 I was at the brink of utter ruin in the midst of the assembled congregation." Madu ɔsɛe ano wɔ asafo no nyinaa mu.”
15 Drink water from your own cistern, flowing water from your own well. Nom nsu fi wʼankasa ahina mu, nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.
16 Should your springs overflow in the streets, your streams of water in the public squares? So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?
17 Let them be yours alone, and not shared with strangers. Ma ɛnyɛ wo nko ara de, a wo ne ahɔho nkyɛ da.
18 May your fountain be blessed, and rejoice in the wife of your youth, Nhyira nka wʼasubura na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.
19 a loving doe, a graceful deer. May her love satisfy you always; may you be captivated continually by her love. Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo; ma ne nufu nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
20 Why then, my son, should you be captivated by a forbidden woman and embrace another man's wife? Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo? Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?
21 For a man's ways are before the eyes of our Father, and he examines all the man's paths. Awurade hu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
22 The wicked are caught by their own wrongdoing and held fast in the cords of their sin. Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri; na ne bɔne ahama kyekyere no papee.
23 He will die for lack of discipline, and he will go astray because of his great foolishness. Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti, na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]