Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 My son, if you have put up security for your neighbor, if you have shaken hands in pledge for a stranger, Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,
2 you have been snared by the words of your mouth, caught by the words of your mouth. sɛ nea wokae ayi ka ama wo na sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,
3 Then do this, my son, and free yourself, for you are now at your neighbor's mercy: go, humble yourself, and plead with your neighbor. ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho, sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti: fa ahobrɛase kɔ nʼanim; na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
4 Give no sleep to your eyes, no slumber to your eyelids. Mma wʼani nkum na ntɔ nko.
5 Free yourself like a gazelle from the hand, like a bird from the hand of the trapper. Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam anaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.
6 Go to the ant, you sluggard; consider her ways and be wise. Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn; hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!
7 Without having any chief, officer, or ruler, Onni ɔsahene, onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,
8 she prepares her bread in summer and gathers her food in harvest. nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu, ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere.
9 How long will you lie there, sluggard? When will you arise from your sleep? Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn? Wubenyan bere bɛn?
10 A little sleep, a little slumber, a little folding of the hands to rest, Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔw de rehome kakra,
11 and poverty will come upon you like a robber, and scarcity like an armed man. ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo na ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.
12 A worthless person, a wicked man, goes about with crooked speech, Onipa teta ne ohuhuni a odi atoro kyin,
13 winks with his eyes, signals with his feet, points with his fingers, nea obu nʼani, na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnne na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade,
14 with perverted heart he devises evil, continually sowing discord; nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne, na ɔde mpaapaemu ba bere biara.
15 therefore calamity will come upon him suddenly; in a moment he will be broken beyond healing. Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru.
16 There are six things our Father hates, seven that are detestable to him: Nneɛma asia na Awurade mpɛ, nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade:
17 haughty eyes, a lying tongue, and hands that shed innocent blood, ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a edi bem gu,
18 a heart that devises wicked plans, feet that hurry to run to evil, koma a edwen amumɔyɛ ho, anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne,
19 a false witness who breathes out lies, and one who sows discord among brothers. ɔdansekurumni a odi atoro ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.
20 My son, keep your father's commandment, and do not forsake your mother's teaching. Me ba, tie wʼagya ahyɛde na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.
21 Bind them on your heart always; tie them around your neck. Fa kyekyere wo koma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu.
22 When you walk, they will lead you; when you lie down, they will watch over you; and when you awake, they will talk with you. Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.
23 For the commandment is a lamp and the teaching a light, and the reproofs of discipline are the way of life, Na saa ahyɛde yi yɛ kanea saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, na ahohyɛso nteɛso yi yɛ nkwa kwan,
24 to keep you from the evil woman, from the smooth tongue of the adulteress. ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho, fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho.
25 Do not desire her beauty in your heart, and do not let her capture you with her eyelashes; Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ, mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,
26 for the price of a prostitute is only a loaf of bread, but a married woman hunts down a precious life. efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin, na obi yere gyigye wo kɔ owu mu.
27 Can a man carry fire next to his chest and his clothes not be burned? Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a nhyew nʼatade ana?
28 Or can one walk on hot coals and his feet not be scorched? Obi betumi anantew nnyansramma so a mpumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?
29 So is he who sleeps with his neighbor's wife; none who touches her will go unpunished. Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te; obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.
30 People do not despise a thief if he steals to satisfy his appetite when he is hungry, Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.
31 but if he is caught, he will pay sevenfold; he will give all the goods of his house. Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason; sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.
32 He who commits adultery lacks sense; he who does it destroys himself. Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene; obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.
33 He will get wounds and dishonor, and his disgrace will not be wiped away. Ɔhwe ne animguase na obenya, na nʼahohora rempepa da.
34 For jealousy makes a man furious, and he will show no mercy in the day of vengeance. Ninkutwe hwanyan okunu abufuw na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.
35 He will accept no compensation; he will refuse no matter how large the bribe. Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]