Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 My son, keep my words, and store up my commandments within you. Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.
2 Keep my commandments and live; guard my teaching as the apple of your eye. Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.
3 Bind them on your fingers; write them on the tablet of your heart. Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.
4 Say to wisdom, "You are my sister," and call understanding your dearest friend, Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;
5 to keep you from the forbidden woman, from the stranger with her smooth words. Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.
6 For at the window of my house I looked down through my lattice, Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu.
7 and I saw among the naive, I noticed among the young men, a youth who lacked sense, Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.
8 passing through the street near her corner, taking the road to her house, Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi
9 in the twilight, as the day faded, in the dark of night and gloom. bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no.
10 And there a woman comes to meet him, dressed like a prostitute, with cunning in her heart. Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.
11 She is loud and defiant; her feet will not stay at home. (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa;
12 Now in the street, now in the squares, she lurks at every corner. nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)
13 She grabs him and kisses him, and with a brazen face she says to him: Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se,
14 "I had peace offerings to bring; today I have paid my vows. “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so.
15 So I came out to meet you, to look for you eagerly, and I have found you. Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo!
16 I have spread my bed with coverings, with colored linens from Egypt. Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.
17 I have perfumed my bed with myrrh, aloes, and cinnamon. Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
18 Come, let us drink deep of love until morning; let us lose ourselves in love. Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;
19 For my husband is not at home; he has gone on a long journey. Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ.
20 He took a bag of money with him and will not come home until the full moon." Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”
21 With all her persuasive words she sways him; with her smooth lips she draws him in. Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.
22 All at once he follows her, like an ox going to the slaughter, like a deer stepping into a snare, Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu
23 until an arrow pierces its liver; like a bird darting into a trap, he does not know it will cost him his life. kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
24 Now then, my sons, listen to me, and pay attention to what I say. Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.
25 Do not let your heart turn aside to her ways; do not wander into her paths. Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so.
26 For she has brought down many victims; her slain are a mighty multitude. Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27 Her house is the road to the grave, going down to the chambers of death. Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]