Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 8 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Does not Wisdom call out, and understanding raise her voice? Tie: Nyansa refrɛ. Ntease ma ne nne so.
2 Atop the heights along the way, where the paths meet, she takes her stand. Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,
3 Beside the gates, at the entrance to the city, at the doorways she cries aloud: apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho, ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,
4 "To you, all people, I call out; my voice reaches all humanity. “Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ; meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.
5 You who are simple, learn prudence; you who are foolish, gain an understanding heart. Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew; mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.
6 Listen, for I speak of noble things, and everything I say is right. Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mibue mʼano ka nea eye.
7 My mouth utters truth, for my lips detest wickedness. Mʼano ka nea ɛyɛ nokware, efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.
8 All the words of my mouth are righteous; none of them is twisted or crooked. Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ; biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
9 To the one who understands they are all clear, and right to those who find knowledge. Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10 Take my instruction instead of silver, and knowledge rather than choice gold, Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.
11 for wisdom is better than jewels, and nothing you desire can compare with her. Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota, na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.
12 I, Wisdom, dwell with prudence, and I find knowledge and discretion. “Me, nyansa, mene anitew na ɛte; nimdeɛ ne nhumu wɔ me.
13 The fear of our Father is to hate evil. Pride and arrogance, the evil way, and perverse speech I hate. Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne; mikyi ahantan ne ahomaso, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14 Counsel is mine, and sound wisdom; I am understanding; strength is mine. Afotu ne atemmu pa wɔ me; mewɔ ntease ne tumi.
15 By me kings reign, and rulers decree what is just; Me so na ahemfo nam di ade na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16 by me princes govern, and nobles—all who rule with justice. Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.
17 I love those who love me, and those who search for me find me. Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.
18 With me are riches and honor, enduring wealth and righteousness. Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn, ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.
19 My fruit is better than gold, than the finest gold, and what I yield surpasses choice silver. Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa; nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.
20 I walk in the way of righteousness, along the paths of justice, Trenee akwan so na menam, atɛntrenee akwan so,
21 giving wealth as an inheritance to those who love me, and filling their treasuries. mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan amaama.
22 Our Father brought me forth at the beginning of his way, before his works of old. “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan dii ne tete nneyɛe anim;
23 From ages past I was established, from the beginning, before the earth began. oyii me sii hɔ fi tete, ansa na wiase refi ase.
24 When there were no deep waters I was brought forth, when there were no springs overflowing with water. Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no, ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,
25 Before the mountains were settled, before the hills, I was brought forth, ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ; wɔwoo me ansa na nkoko reba,
26 while he had not yet made the earth and its fields, or the first dust of the world. ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.
27 When he set the heavens in place, I was there; when he drew a circle over the face of the deep, Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro, bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,
28 when he set the skies in place above, when he established the springs of the deep, bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no;
29 when he set for the sea its boundary so the waters would not cross their limits, when he marked out the foundations of the earth, bere a otwaa ɔhye maa po sɛnea nsu no rentra ne hye, ne bere a otwaa asase fapem no,
30 then I was beside him as a master craftsman, and I was his daily delight, rejoicing before him always, na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn. Anigye hyɛɛ me ma daa na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,
31 rejoicing in his whole world, and delighting in the human family. na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adesamma mu.
32 And now, my children, listen to me: blessed are those who keep my ways. “Enti me mma, muntie me; nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.
33 Listen to instruction and be wise; do not ignore it. Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa; mummmu mo ani ngu so.
34 Blessed is the one who listens to me, watching daily at my gates, waiting beside my doorway. Nhyira ne onipa a otie me, ɔwɛn mʼabobow ano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35 For whoever finds me finds life and receives favor from our Father. Na obiara a ohu me no nya nkwa, na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
36 But whoever misses me harms his own soul; all who hate me love death." Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]