Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 9 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Wisdom has built her house; she has hewn out her seven pillars. Nyansa asi ne fi; wasisi nʼafadum ason.
2 She has slaughtered her animals; she has mixed her wine; she has also set her table. Wasiesie ne nam de afra ne nsa, wato ne pon.
3 She has sent out her young women to call from the highest places of the town: Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,
4 "Whoever is simple, let him come in here!" To the one who lacks sense she says, “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
5 "Come, eat my bread and drink the wine I have mixed. “Mommra mmedi mʼaduan na monnom nsa a mafra no.
6 Leave your simple ways, and live; walk in the way of insight." Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa; monnantew ntease akwan so.”
7 Whoever corrects a mocker brings abuse on himself, and whoever rebukes a wicked man gets hurt. Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ; na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.
8 Do not rebuke a mocker, or he will hate you; rebuke a wise man, and he will love you. Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.
9 Instruct a wise man and he will grow wiser; teach a righteous man and he will learn even more. Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
10 The fear of our Father is the beginning of wisdom, and the knowledge of the Holy One is insight. Awurade suro yɛ nyansa mfiase Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.
11 For by me your days will be multiplied, and years will be added to your life. Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.
12 If you are wise, you are wise for yourself; if you scoff, you alone will bear it. Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso; sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.
13 The woman Folly is loud; she is naive and knows nothing. Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo; onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.
14 She sits at the door of her house, on a seat at the highest places of the town, Ɔte ne fi pon ano, na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
15 calling to those who pass by, who are going straight on their way: na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,
16 "Whoever is simple, let him come in here!" And to the one who lacks sense she says, “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
17 "Stolen water is sweet, and bread eaten in secret is pleasant." “Nsu a wowia no yɛ fremfrem na aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!”
18 But he does not know that the dead are there, that her guests are in the depths of the grave. Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔ sɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]